Location via proxy:   [ UP ]  
[Report a bug]   [Manage cookies]                
Jump to content

Vinblastine

Ɛfi Wikipedia

Vinblastine (VBL), a wɔtɔn wɔ din Velban ne din foforɔ so, yɛ aduru a wɔde ma obi a ɔyare kokoram, na wɔtae de di dwuma wɔ nnuru afoforɔ ho de sa kokoram ahodoɔ bi. Eyi ka Hodgkin's lymphoma, non-small-cell lung cancer, bladder cancer, brain cancer, melanoma, ne testicular cancer ho. Wɔde fa ntini mu ma. Nnipa dodoɔ no ara nya nsunsuansoɔ bɔne bi. Ɛtae ma obi te nka sɛ ne ho atɔ no, ɔyare, ne ho nyɛ den, ne ho ntɔ no, na ne ti bɔ no. Akwanhyia a ano yɛ den no bi ne mogya mu nkwammoaa a ɛresɛe ne ɔhome a ɛyɛ den. Ɛnsɛ sɛ wɔde ma nnipa a wɔyare mmoawammoawa. Sɛ wode di dwuma wɔ nyinsɛn mu a, ebetumi apira abofra no. Vinblastine yɛ adwuma denam nkwammoaa mu kyekyɛ a ɔbara no so. Wonya Vinblastine wɔ afe 1958 mu. Nhwɛsoɔ bi a ɛda hɔ ma adannandie aduru a wɔayi no ayɛ sɛ aduru a wɔtae de di dwuma no ne vinblastine a mfitiase no na wonya no fi Madagascar periwinkle mu. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛdeɛ no atwerɛ nnuru a ɛho hia paa no din wɔ so.[1]

Wɔ nnuruyɛ mu

[sesa]

Vinblastine yɛ nnuru a wɔde sa yareɛ bi, a ebi ne ABVD a wɔde sa Hodgkin lymphoma, ne methotrexate a wɔde sa yare bi a wɔfrɛ no aggressive fibromatosis (desmoid tumor). Wɔde di dwuma nso de sa histiocytosis sɛnea Histiocytosis Association nhyehyɛeɛ kyerɛ.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Gregory Camp (2015-08), "Spotify. https://www.spotify.com/. Retrieved 21 January 2015", Journal of the Society for American Music, vol. 9, no. 3, pp. 375–378, doi:10.1017/s1752196315000280, ISSN 1752-1963, retrieved 2024-08-24 {{citation}}: Check date values in: |date= (help); External link in |title= (help)